Acts 16

Timoteo kɔka Paulo ne Silas ho

1Paulo toaa nʼakwantu no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na gyidini bi a ne din de Timoteo a ne na yɛ Yudani gyidini na nʼagya nso yɛ Helani no te. 2Anuanom a na wɔwɔ Listra ne Ikonium no nyinaa dii Timoteo ho adanse pa. 3Esiane sɛ na Paulo pɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho kɔ nti, otwaa no twetia. Efisɛ, Yudafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa nim sɛ Timoteo nʼagya yɛ Helani. 4Kurow biara a woduu so no, wɔkaa mmara a asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wonni so no kyerɛɛ wɔn. 5Asafo no nyinii gyidi mu na daa nnipa pii bɛkaa wɔn ho.

Twa bra Makedonia

6Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn kwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no nti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia. 7Woduu Misia hye so no, wɔpɛe sɛ anka wɔkɔ Bitinia nanso Yesu Honhom no amma wɔn kwan. 8Enti wɔfaa Misia kosii Troa.

9Da no anadwo Paulo huu anisoade sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no se, “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!” 10Anisoadehu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ Makedonia, efisɛ, yɛtee ase sɛ Onyankopɔn na wafrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka Asɛmpa no wɔ hɔ.

Lidia adwensakra

11Yɛde hyɛn fii Troa kɔɔ Samotrake na ade kyee no, yeduu Neapoli. 12Yefii hɔ no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kurow titiriw a ɛwɔ Makedonia mansin a na Romafo di so no mu. Yedii nna kakra wɔ saa kurow yi mu.

13Homeda dui no, yefii kurow no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate sɛ Yudafo taa hyia wɔ hɔ bɔ mpae. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmea bi a wɔbaa hɔ no Kyerɛwsɛm no. 14Mmea a wobetiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntama kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamefɛrefo nti Awurade buee nʼadwene mu ma otiee asɛm a na Paulo reka no gye dii. 15Wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu wiei no, ɔka kyerɛɛ yɛn se, “Sɛ mugye tom sɛ meyɛ Awurade mu gyidini ampa a, mommɛtena me fi.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kosii sɛ yɛpenee.

Paulo ne Silas da afiase

16Da bi a yɛrekɔ baabi a yehyia bɔ mpae no, yehyiaa afenaa bi a akɔm honhom wɔ ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho. 17Odii yɛne Paulo akyi teɛteɛɛm se, “Saa nnipa yi yɛ ɔsorosoroni Nyankopɔn no asomfo a wɔaba sɛ wɔrebɛka nkwagye ho asɛm akyerɛ mo.”

18Eyi kɔɔ so ara kosii sɛ da bi Paulo de ahometew teɛteɛɛ hohommɔne no se, “Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ, tu fi ne mu kɔ!” Amonom hɔ ara na hohommɔne no tu fii afenaa no mu.

19Bere a afenaa no wuranom hui sɛ nea ɛma wɔn sika no afi wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanyin anim wɔ aguabɔe.

20Wɔde wɔn brɛɛ mpanyin bɔɔ wɔn soboɔ se, “Saa nnipa yi yɛ Yudafo a wɔde wɔn nneyɛe ne wɔn kyerɛkyerɛ redan yɛn kurow yi ani. 21Wɔrekyerɛkyerɛ amanne bi a esiane sɛ yɛyɛ Romafo nti, yɛn mmara mma yɛn ho kwan sɛ yegye tom.”

22Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no tow hyɛɛ wɔn so, na mpanyin no tetew Paulo ne Silas ntade mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. 23Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wiei no, wɔde wɔn koguu afiase, na mpanyin no hyɛɛ afiase sohwɛfo no sɛ ɔnto wɔn mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrenguan. 24Afiase sohwɛfo no tee saa asɛm yi no, ɔde wɔn koguu afiase hɔ dan a ɛwɔ mfinimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn nan de bobɔɔ dua mu.

25Ɔdasum a Paulo ne Silas rebɔ mpae reto nnwom ayi Onyankopɔn ayɛ na nneduafo a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn no, 26prɛko pɛ, asase wosowee denneenen maa afiase no nnyinaso nso wosowee maa apon no nyinaa buebuei, na nneduafo no nyinaa nkɔsɔnkɔnsɔn tetewee. 27Bere a afiase sohwɛfo no fi nna mu nyanee na ohui sɛ afiase no apon no abuebue no, osusuwii sɛ nneduafo no nyinaa aguan enti ɔtwee ne sekan pɛe sɛ anka ɔde kum ne ho.

28Nanso Paulo kaw mu ka kyerɛɛ no se, “Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!”

29Ɛhɔ ara afiase sohwɛfo no frɛ ma wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopo ne suro bɛhwee Paulo ne Silas anim. 30Afei ɔde wɔn fii adi bisaa wɔn se, “Awuranom, dɛn na menyɛ na manya nkwa?”

31Wobuae se, “Gye Awurade Yesu di na obegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa.”

32Afei wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfo no ne ne fifo nyinaa. 33Anadwo no ara, afiase sohwɛfo yi hohoroo Paulo ne Silas mmaa akuru no anim. Afei ɔma wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu. 34Afiase sohwɛfo yi de Paulo ne Silas kɔɔ fie kɔmaa wɔn aduan dii na ɔne ne fifo nyinaa ho sanee wɔn, efisɛ, afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.

Wogyaa asomafo no

35Ade kyee no, mpanyin no somaa asraafo kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfo no se, “Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ.” 36Afiase sohwɛfo no ka kyerɛɛ Paulo se, “Mpanyin no asoma abɛka se minnyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti monkɔ asomdwoee mu.”

37Nanso Paulo ka kyerɛɛ asraafo no se, “Yɛyɛ Romafo. Wɔammu yɛn fɔ wɔ bɔne biara ho na wɔde yɛn baa aguabɔe bɛbɔɔ yɛn mmaa de yɛn guu afiase. Afei na mopɛ sɛ mugyaa yɛn sum ase? Dabida! Mpanyin no ankasa mmra ha mmegyaa yɛn.”

38Asraafo no san kɔbɔɔ Roma mpanyin no amanneɛ. Wɔtee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafo no, wosuroe 39enti wɔkɔmaa wɔn dibem yii wɔn fii afiase hɔ ka kyerɛɛ wɔn se womfi kurow no mu. 40Paulo ne Silas fi afiase hɔ kɔɔ Lidia fi. Wɔkɔtoo anuanom no wɔ hɔ hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofii hɔ kɔe.

Copyright information for TwiNAK